azlyrics.biz
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

kojo antwi – me nya ntaban a lyrics

Loading...

oh, hey, menya ntaban
menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
na awɔ de me o

menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ abrɔnoma o
mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
ɔbaahemaa, ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim agorɔ die
obi nfrɛ no mma me o, ayee
ɔbaahemaa, ɔno na ɔnim deɛ m’akoma pɛ e
obi nfrɛ no mma me o ae

menya ntaban
menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
na awɔ de me o
menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ abrɔnoma o
mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o

oh, deɛ ohia bɛyɛ ni
ohia ɛtumi atete yɛn ntam
ama ɔdɔ yɛwu daamabi a
ebuoo, mese, merekɔpɛ ohia ano aduro aba
me na menam asuensuan ni
oh, deɛ ohia bɛyɛ ni
ohia ɛtumi atete yɛn ntam
ama ɔdɔ yɛwu akɔda baabi basaa a
ebuoo, obi mmɛsen nkɔhwɛ me dɔfo yi o
wɔafɔn aka sɛ prayɛ o

ɛnti, menya ntaban
menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
na awɔ de me o
menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ anoma kwatubrɛ e
mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn

oh, oh, ohia ku m’akɔnɔ
ayee, ohia ama madane ɔha e
aboa ɔha wɔ ntaban
nanso, ɔtu a, ɔnkɔ soro e
anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
oh, ohia yɛ adambɔ
ohia ɛku me akɔnɔ
me nsam susu bebree, aka me tiri mu
ɔmama, na menyɛ no dɛn ni

akw-nkwa, akw-nkwa nyɛ aniha e
oh, agye daabi o, na mɛka m’asɛm
ah, akw-nkwa, akw-nkwa nyɛ aniha e
oh, agye daabi o, na mɛka m’asɛm
akw-nkwa na mereka no sɛn ni
akw-nkwa na mereyɛ no dɛn ni
ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛk-m akorɔma o
buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo
akw-nkwa na mereka no sɛn ni
akw-nkwa na mereyɛ no dɛn ni
ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛk-m akorɔma o
buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

ayee, ayee, amanneɛ o
baabi a, yɛde yɛ ti bɛto koraa, ɛyɛ a, na adane amanneɛ o
akwantuo yi, ama me adane nsonsono o
menni ani nti, mede me ti ɛrepempem o
menam sansan nanso mennim baabi a, merekɔ a
manante, manante, manante, nanso mennuru baabi merekɔ a
na sɛ nyame ammoa me na mekɔtɔ nkranne mu a
buo, buo, buo, na mereyɛ no dɛn ni
akw-nkwa na mereka no sɛn ni
akw-nkwa na mereyɛ no dɛn ni
ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛk-m akorɔma o
buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo
akw-nkwa na mereka no sɛn ni a
akw-nkwa na mereyɛ no dɛn ni o
ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛk-m akorɔma o
buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

ayee, mato ɔpɛtɛ tuo a
ɔbaako ara nkunu nso, na merekɔka no sɛn ni o
na ɛyɛ me sɛ, ɛna me nko ammɔ ahwam
me tuo abɔ ba nso na aka baako pɛ o
ayee, ayee, ayee, me na mabɔ ka o
akw-nkwa na mereka no sɛn ni
akw-nkwa na mereyɛ no dɛn ni
ebuoo, na ɛyɛ me sɛ, mɛk-m akorɔma o
buo, buo, buo, sɛ na mato ɔpɛtɛ tuo

enti, menya ntaban
menya ntaban, anka mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
na awɔ de me o
menya ntaban a, anka mɛtu te sɛ anoma ɔkɔdeɛ e
mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn
ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
ah, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
oh, mɛtu makɔ ɔdɔ nkyɛn o
ah, oh ah, oh aah



Random Lyrics

HOT LYRICS

Loading...