azlyrics.biz
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

ananse tac – maame yɛ guy lyrics

Loading...

ananse tac – maame yɛ guy lyrics

maame yɛ player anka messi
ɔnka me ho a me nneɛma basaa
game of thrones a nanka ɔyɛ cersie, ɔhemaa tete anka yaa asantewaa
maame yɛ bold, treasure anka gold
mum is already made, maa mfata foose. ananse nso, ɛne wo jokes ɛnnɛ baabi a ɛde me abɛ pie nie o!
maa see mempra me see maa menni piloloo, na w’akɔ tam prayɛ ahyɛ me nsam
“hwɛ ne guy guy nso me soma wo a wote kyobo, krakye gye enie yɛ no ntɛm
before sɛ ɔbɛda ɔhwɛ sɛ mada
bɔ mpaeɛ gu me so helebabaa
ɔtumi pue bɛhwehwɛ me wɔ bar
ɔkye me a ɔse move kofi kinaata

menya kuro koraa, (maame wɔ mercy cream)2x
maame bo fu a, (never go see her scream)2x

maame deɛ ɔdɔ nko aa ɔdɔ nko aa, iron boy ɛnyɛ ɔno aa ɛnyɛ ɔno aa. maame mpɛ dede, amakye, meboa hwɛ agorɔ nko aa
maame yɛ guy

chorus
maame yɛ g-u-y(2x)
me maame yɛ guy
asɛ ɔte d-u-bai(2x)
asɛ ɔte dubai
maame yɛ g-u-y(2x)
ɛna pa ho yɛ na pa aa(2x)
me maame yɛ guy

hook
mum is defined as a person
wey get special place in heaven
maame bɔ team a anka seven
ɔma me falle inline like eleven(11)

m’adesoa nyinaa maa yɛ me kahyire
ɔka me ho a mensuro bayie
me ho kyere me a, ɔse ɛyɛ a memfrɛ, na menkɔ tena mfikyire nsum abɔdwesɛ

maame binom de wɔn mma ko kɔ schools no, binom de wɔn sika we kyinkyinga
binom sane abɔsoɔ atuatua fees no, binom sane abɔsoɔ ama nnipa ate wɔn nka.. programmes ase na wɔyɛ shows, asɔredan mu nso ne ba nni kotoo. ne ba nenam na ɔresrɛsrɛ adeɛ o, nso w’ayi n’ani asɛ ɔhwɛ commando..
“nti na me see”

woyɛ maame na w’atumi ahwɛ wo ba ama n’awie sukuu a – maa woyɛ guy
na sɛ w’antumi anhwɛ ne school nso w’ama n’abrabɔ anyɛ basaa – maa woyɛ guy
ade kyeeɛ w’ahwɛ ama na didi. wo ba bi nti wo kɔn mu nyinaa ayiyi a
na obi ba baa na ɔte wo nkyɛn no bosome ɛyɛ a woma no pad a – maa woyɛ guy

bridge
ɛneɛ maa wo yɛ g-u-y
maame yɛ guy
asɛ ɔte d-u-bai(2x)

chorus
maame yɛ g-u-y(2x)
me maame yɛ guy
asɛ ɔte d-u-bai(2x)
asɛ ɔte dubai
maame yɛ g-u-y(2x)
ɛna pa ho yɛ na pa aa(2x)
maame yɛ guy



Random Lyrics

HOT LYRICS

Loading...