
nana kwame ampadu - adwoa kwakyewa lyrics
[intro]
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
[chorus]
ao, kwakyewa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
kwakyewa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
nyame bɛka ama wo o (nni awerɛhoɔ, dora ei)
adwoa kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
ee, kwakyewa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
ee, kwakyewa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
adwoa kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
nyame bɛka ama wo o (nni awerɛhoɔ, dora ei)
nyame ma wo yareɛ a (nni awerɛhoɔ, dora ei)
ɔno na ɔbɛma wo aduro, ee (nni awerɛhoɔ, dora ei)
akɔkoa se, “kwakyewaa ei” (nni awerɛhoɔ, dora ei)
maa dora ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
[hook]
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
[verse 1]
onipa, sɛ yɛwo wo ba wiase mu a
mm, nsɛm nkoaa
sɛ woanwu ntɛm a, ansa na wobɛwuo no
na nnoɛma a afa w’ani soɔ no
asɛm nkoaa o, asɛm nkoaa
ɔbaa kwakyewaa ei, adwoa kwaakyewaa ei
ofiri akyem ayɛboah, kwahumanm’
abɛkɔase, ɛhɔ ara na ɔfire
ɔno ara ne dora ei, adwoa kwakyewaa dora ei, dora ei
kwakyewaa yɛ ɔbrɛfoɔ
ɔpempem a, na wawae atɔ
na afei, kwakyewaa, mese mma wo werɛ nho beberee
owuo na ɛnyɛ, yareɛ na ɛyɛ ya
wowɔ ahoɔden deaa, ɛbɛyɛ yie
sika deɛ, yɛnya, kwakyewaa ei, na ɛyɛ a, yɛmpɛ o
[chorus]
ee, kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
adwoa kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
maame dora ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
kwakye adeɛɛfɛ ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
[verse 2]
adwoa kwakyewaa sɛ
onipa, wote faako a na wote w’adeɛ so
ɔno nso, wayɛ ɔba a ɔnni bie
kwakyewaa sɛ ɔbɛtu kwan
kwakyewaa maa ne ho so, ivory coast manm’
kɔtenaa abengourou, kɔtenaa gagnoa
daloa, sassandra ne san+pédro
nso sɛ ɛnnie, abrabɔ mu nkɔbɛsie, abrabɔ mu nkɔbɛsie ɛ
ɛyɛ sɛ deɛ nkɔsoɔ reba mu pɛ a, ɔbonsam de ne atawa abɛbɔ mu
ɛyɛ saa a na wasan ate atɔ, wakɔpem o, abrabɔ mu nkɔbɛsie
enti kwakyewaa sɔre a, na ɔredi awerɛhoɔ
ɛtɔ da bi a, nsaayɛ, ɛtɔ da a, osu
ato kommyɛ, wayɛ komm, dinn
a’sɛ wamuna, awerɛho no mu na ɔkaa n’asɛm kyerɛɛ me
ma mesee no sɛ, “yie ei, kwakyewaa ei, fa no sɛ wafa yi ara”
obi anya sika, nanso kɔhwɛ, yadeɛ ama wabubu da danm’
wo deɛ, wo ho ɔ’den o
woyɛ ɔbaa nso a, wobɔ sie, ɛdeɛbɛn nti na awerɛhoɔ yi?
maame kwakyewaa ei, ɔhemaa dora ei
agyenkwa a wode wo kra mu ei
dora ei, onyame wɔ hɔ o
yiee, ɔbɛdi ama wo o
sika nso, yɛmfa amirika na ɛpɛ
yɛnya o, na yɛmpɛ
aka da koro ama wawu mpo
na wobɛnya bi a, wobɛnya
enti, kwakyewaa, kwakyewaa ei, gyae o
[chorus]
oh, kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
adwoa kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
akɔkoa se, “kwakyewaa ei” (nni awerɛhoɔ, dora ei)
agyenkwa a wode wo kra mu ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
[hook]
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
kwaakyewaa ei, mɛndi awerɛho
[verse 3]
agyenkwa a wode wo kra mu ei
kuntunkununku nana ei
adwoa, mɛndi awerɛhoɔ o, na ɛbɛyɛ yie
yiee, ɛbɛyɛ yie
deɛ wobɛdie nko ara deɛ, wobɛnya
yiee, adwoa
sɛ deɛ ɔkyeman nsɛe no, wo nso, wonsɛe da o
[chorus]
oh, kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
adwoa kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
eno dora ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
yiee, kwakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
ɔbrɛfoɔ kwaakyewaa ei (nni awerɛhoɔ, dora ei)
Random Lyrics
- rick springfield - neutron star lyrics
- jaynna loh yi jia - echoes of goodbye lyrics
- aurakillah & n1tef4ll - spring nightmare lyrics
- daphnie - digital bullshit lyrics
- davidu & dofey - closer lyrics
- elephant (nl) - never know it's real lyrics
- d3mize - queen lyrics
- crvena kruška - sanjam lyrics
- finessekid & aj tracey - recognize lyrics
- matin fattahi - boro lyrics