azlyrics.biz
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

ogidi brown - amen lyrics

Loading...

[intro: ogidi brown, kweku fl!ck, ypee]
ei!
lgb music (it’s ogidi brown)
sika nie, kwaku nie! (pee!)
paaw, paaw, paaw! (beatz fada beats)
ah+huh (haadɔ)
ah+huh (haadɔ)
ah+huh (haadɔ)

[verse 1: ogidi brown]
sɛ wote pum+pum a, ɛyɛ a obi di
ebi a na ɛyɛ koobi anaa amane ti
sɛ ɔtwi range rover a, yi w’ani
ebi a na yɛasoma no o, ɔrekɔwashe
adeɛ yi, yɛse plane bi rekɔ a, foro bi
ɛnyɛ baabi a ɛ’awɔ nko ara ne aburokyi
ɛmma obi mma wo pressure, woate?
ɔda car kɛseɛ mu o, nso n’ani ngye
daakye bi no, yɛbɛnante
yɛn nso, yɛtime so a ‘yɛbɛboile’
ɛbere pa mu no, yɛbɛnante
yɛn nso yɛn time so a, yɛbɛcruise

[chorus: ogidi brown, kweku fl!ck, ypee]
gye me so, “amen!”
afe yi, yɛnsrɛ a’ na yɛadi (amen!)
yɛnto bɔtɔm’ na yɛagye (amen!)
yɛ ne obi nkɔda o, na yɛanya (amen!)
amen o, amen!
afe yi, yɛnsrɛ a’ na yɛadi (amen!)
yɛnto bɔtɔm’ na yɛagyе (eh, amen!)
yɛ ne obi nkɔda o, na yɛanya (amen!)
[hook: ogidi brown, kweku fl!ck, ypee]
amеn o, amen!
eh, amen!
amen o, amen! (haadɔ)
eh, amen (paaw!)

[verse 2: kweku fl!ck]
kwaku ei, mempɛ me ho asɛm, nti meredi me lane mu o, mm+hmm
ɛnnɛ na menni bi, ɔkyena, mɛnya, nti memma me werɛ nho o, mm+hmm
daa ne daa nyinaa, mayɛ dinn
nyɛ sɛ menni ano o, ɛyɛ biribi a
ahokyerɛ ne ohia nti
nnoɔma papa biara ba a, yɛmmɔ me din (paaw!)
nso, ɛnkyɛ biara, mɛnya me deɛ o, amen!
kɔm de ohiani a, mɛma no amenn
mensrɛ o, na madi o, amen
me ara mɛtɔ m’adeɛ
nso, ɛnkyɛ biara, mɛnya me deɛ o, amen!
kɔm de ohiani a, mɛma no amenn
mensrɛ o, na madi o, amen!
me ara mɛnya me deɛ, kɔ

[chorus: ogidi brown, kweku fl!ck, ypee]
gye me so, “amen!”
afe yi, yɛnsrɛ a’ na yɛadi (amen!)
yɛnto bɔtɔm’ na yɛagye (amen!)
yɛ ne obi nkɔda o, na yɛanya (amen!)
amen o, amen!
afe yi, yɛnsrɛ a’ na yɛadi (amen!)
yɛnto bɔtɔm’ na yɛagye (eh, amen!)
yɛ ne obi nkɔda o, na yɛanya (amen!)
[hook: ogidi brown, kweku fl!ck, ypee]
amen o, amen!
eh, amen!
amen o, amen! (mm, pee!)
eh, amen (mo deɛ, n’sɛ mo ano)

[verse 3: ypee]
yɛn time nya nsooeɛ no deɛ, yɛbɛtwɛn
momma me one year, sika no, yɛbɛbɛn
sɛ me kudi no tɔ fam a, ɛbɛkyɛn (whoa!)
computer amma wiase a, nka yɛbɛyɛ deɛn?
menim sɛ me mmerɛ no bɛso, nti i go wait
chale, mabrɛ, meretɔn kaawa wɔ kuwait (ao)
ɔbra no, pem kɔ, time nda so, wonyɛɛ late (hmm)
ɛmma w’abam mbu, nyame na enim ne date (skrrt!)
sɛ wo body no rebrɛ a, me nua, ɛyɛ a, usu w’adwen
nhyira no, merekan no baako+baako, gye so, “amen!”
menya sika beberee a, mede bi bɛyɛ farming (whoa!)
atamfo sɔɔ m’ataade mu, meteaa no kaa sɛ, “gyaa me!”
whatever you dey wish, menim sɛ ɛbɛbam’ (yeah!)
bɔ mpaeɛ, na yɛ adwumaden, nyame bɛsesam’ (whoa!)
nsuo mu o, awia mu, deɛ ɛbɛba biara, yɛbɛfam’ (herh!)
mo a na monni gyedie wɔ yɛn mu no, mobɛkam! (hmm!)

[bridge: ogidi brown]
baabi a mefiri no, yɛmpɛ nnipa
obi animguaseɛ yɛ obi anigyeɛ
baabi a mefiri no, yɛmboa nnipa
obi ahwe aseɛ no, na obi edeɛ
ahanom deɛ yɛpɛ kasa
obiara downfall nko ara na yɛrehwehwɛ
ɛkaa obi koraa mpo a, nka yɛada
yɛte nnipa dɔm no mu no o, na yɛada
hey!
[chorus: ogidi brown, kweku fl!ck, ypee]
gye me so, “amen!”
afe yi, yɛnsrɛ a’ na yɛadi (amen!)
yɛnto bɔtɔm’ na yɛagye (amen!)
yɛ ne obi nkɔda o, na yɛanya (amen!)
amen o, amen!
afe yi, yɛnsrɛ a’ na yɛadi (amen!)
yɛnto bɔtɔm’ na yɛagye (eh, amen!)
yɛ ne obi nkɔda o, na yɛanya (amen!)

[hook: ogidi brown, kweku fl!ck, ypee]
amen o, amen! (yeah)
eh, amen!
amen o, amen! (yeah)
eh, amen

[outro]
it’s another classic one, baby
beatz fada beats



Random Lyrics

HOT LYRICS

Loading...