azlyrics.biz
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

okomfour kwadee - p1 lyrics

Loading...

[chorus]
mekɔɔ p1, kɔɔ p2
kɔɔ p3, meduruu p4
p4, nkwadaabɔnesɛm nko ara
enti, mefirii p4 kɔɔ p5
kɔɔ p6, jss
school yi a mede redi agorɔ yi
daakye bi, mɛbrɛ ei (me terminal report, ah)

[verse 1]
sukuu fees, me nko ara, megye a na madi (na madi)
memmu adeɛ, tikya rekyerɛ adeɛ a, ɛyɛ m’ahyi (ɛyɛ m’ahyi)
english and maths, ɛyɛ adeɛ a mekyi (hmm)
da biara na mayɛ late, me kamboo ne me lace
wohyɛ koraa, wotumi hu sɛ mansi (mansi)
madam kate, ɔtwa me canes, ɛpiw, ɛpiw
“fool! coming to school, dirty camboo
homework, you don’t do, mɛhwew’, again!”
ɛpiw, ɛpiw, ɔreboro me ara aku me
my first copy book, write yourself
me ara na megyina ha yi, write yourself bɛn biom?
meduruu p4, god blеss our homeland, ghana, mennim ka
ɛno nti, me tikya baako, mr. kapokyе
ɔse ɔbɛma yɛayi m’adi from the school forever and ever
ei! ɛmmɔ ne tiri so (anyɛ yie)
nka ɔrefaile me, nanso, me ara na m’ani ɛ’dene
patapaa na medekɔɔ p5 (pampan)
p5 and p6, i was kwaku samson, and i was beating the ‘childrens’
terminal report, megye me terminal report a, menkɔ fie
ɛhɔnom ara aah na mebɔɔ ko
jss, mɛyɛ carpenter drawing, carpenter sk!lls
ɛyɛ bra (ɛyɛ deɛn?)
(vocational drawing) street life
wei deɛ, ɛnono, ɛno ara na mɛbɔ
enti, hwɛ…
[chorus]
mekɔɔ p1, kɔɔ p2
kɔɔ p3, meduruu p4
p4, nkwadaabɔnesɛm nko ara
enti, mefirii p4 kɔɔ p5
kɔɔ p6, jss
school yi a mede redi agorɔ yi
daakye bi, mɛbrɛ ei (yɛnkɔ na report ɛ)

[verse 2]
junior secondary school, jss
ɛhɔnom deɛ, mmabunu, w’adene mu rebue
ɔbarima, wo bo rebaabae, wo mene mu rebiebie
ɔbaa nso, wo fon bɔ hɔ sɛ puff+puff
coca+cola shape, woayɛ adolescence
deɛ ɔbɛgoro wo ho biara, ɔbɛdam’, ɛno, adesua (adesua)
hwɛ! first+first paa no (first paa no)
sɛ woyɛ ɔbaa deaa, school danm’, wonsi hɔ da (worekɔyɛ deɛn?)
yɛse tena gyaade, bɔ nkwan
fa nkwantere sesa, mmarima bɛnom
nansa yi, wo deɛ hwɛ tv
mmaa professors, mmaa doctors, mmaa deɛbɛn+deɛbɛn, yɛregye din
“what men are do, women are do betters”
deɛ mmaa no rekyerɛ nono (yɛn ani ayɛ dene)
education is the key (ah)
me, mamfii (hwɛ!)
waec, gentleman pass, ɛyɛ e
santan, ssce alande, apɔɔ fii, makɔgye, questions no adodge
yɛamarke, yɛde aba, kwadee, mafaile, awurade, mawu!
me nnamfofoɔ nyinaa, university
kwadee, drop out city, kejetia, it’s a pity
mayɛ armed+robber
mekɔbɔɔ korɔno paa a yɛkyee me, ɛhweɛ, ɛhweɛ, apoolsifoɔ na ɛgyee me
yɛgyee me a yɛangyae me, yɛsan jailee me
mefiri jail baaeɛ ara aah, ewiase retwan me (ɛretwan me)
m’ani so retan me, aah! (ɛretan me)
kwabena agyei, yɛn classmate
yɛwɔ school, megye n’aduane di, ɛnnɛ yɛse ɔyɛ lawyer
nsɛmfoo na ɔdi no court (ɔdi menn)
ɔdi sika, ɔkasa a ɔde ne nsa pem ne bo
ɔrea me, me ‘instructions’, aah, mambɔ bra
[chorus]
enti, mekɔɔ p1, kɔɔ p2
kɔɔ p3, meduruu p4
p4, nkwadaabɔnesɛm nko ara
enti, mefirii p4 kɔɔ p5
kɔɔ p6, jss
school yi a mede redi agorɔ yi
daakye bi, mɛbrɛ ei

[chorus]
mekɔɔ p1, kɔɔ p2
kɔɔ p3, meduruu p4
p4, nkwadaabɔnesɛm nko ara (nkwadaabɔnesɛm nko ara)
enti, mefirii p4 kɔɔ p5
kɔɔ p6, jss
school yi a mede redi agorɔ yi
daakye bi, mɛbrɛ ei

[verse 3]
aane
obiara mfa ne ba nkɔ school
obiara nkɔ school
mmaayewaa, mmarima, mpanimfoɔ ne nkwadaa nyinaa nka ɔmo ho nkɔ school
otumfoɔ osei tutu (otumfoɔ)
wahyɛ obiara bɔ, sukuu no, ɔreto no srahee (yie ei!)
nkwadaa no, obiara ngye so, “yie ei, yie ei!”
ɔmo bɛkɔ, yɛrekɔyɛ abenfo (abenfo)
yɛrehim ghana frankaa ma wiase amansan nyinaa ahunu sɛ yɛdi first
yie! me a mammɔ bra (mammɔ bra)
me a mankɔ school (mankɔ school)
me nso, yɛreyɛ me deɛn? (yɛreyɛ me deɛn?)
anidasoɔ wɔ hɔ ma me, nti meresan akɔ p1 (meresan akɔ bio)
na matoa so
[chorus]
mekɔɔ p1, kɔɔ p2
kɔɔ p3, meduruu p4
p4, nkwadaabɔnesɛm nko ara
enti, mefirii p4 kɔɔ p5
kɔɔ p6, jss
school yi a mede redi agorɔ yi
daakye bi, mɛbrɛ ei

[outro]
amanfoɔ, montie me!
ɛhɛɛn
wei yɛ otumfoɔ osei tutu
ɔtekɔkɔɔsoɔ, n’educational fund
kwadee, yɛn so yɛde yɛn ho agyem’
yɛrebɔ wo mu dendenden
yɛrekɔ yɛn anim, obiara nkɔ school



Random Lyrics

HOT LYRICS

Loading...